Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban wɔ Gibea nkwantia wɔ ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase.

1 Samuel 14:2 in English

1 Samuel 14:2 · Berean Standard Bible

Meanwhile, Saul was staying under the pomegranate tree * in Migron on the outskirts of Gibeah. And the troops who were with him numbered about six hundred men,

Context

1Ɛda bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔsoa nʼakodeɛ sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifoɔ abɔ dɔmpem hɔ.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. 2Saa ɛberɛ no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere sraban wɔ Gibea nkwantia wɔ ateaa dua a ɛwɔ Migron no ase. 3(Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nana nso. Na Eli yɛ Awurade ɔsɔfoɔ a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afiri Israel sraban mu. 4Ansa na Yonatan bɛduru Filistifoɔ sraban mu no, na ɛsɛ sɛ ɔsiane fa abotan mmepɔ mmienu bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.