Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.”

1 Samuel 12:3 in English

1 Samuel 12:3 · Berean Standard Bible

Here I am. Bear witness against me before the LORD and before His anointed: Whose ox or donkey have I taken? Whom have I cheated or oppressed? From whose hand have I accepted a bribe and closed my eyes? Tell me, and I will restore it * to you.”

Context

1Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio sɛ, “Deɛ mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. 2Matwa me mmammarima ho ayi no, na megyina ha sɛ akɔkoraa tidwono. Masom sɛ mo ɔkannifoɔ firi me mmɔfraase. 3Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.” 4Wɔbuaa sɛ, “Dabi, wonsisii yɛn, na wonnii yɛn nya ɛkwan biara so, na wonnyee adanmudeɛ fua pɛ mpo.” 5Samuel kaa sɛ, “Awurade ne ne onipa a wɔasra no no yɛ mʼadansefoɔ sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔno.” Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.