1 Samuel 12:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Samuel kaa sɛ, “Awurade ne ne onipa a wɔasra no no yɛ mʼadansefoɔ sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔno.” Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!”
1 Samuel 12:5 in English
1 Samuel 12:5 · Berean Standard Bible
Samuel said to them, “The LORD is a witness against you, and His anointed is a witness today, that you have not found anything in my hand.” “He is a witness,” they replied.
Context
3Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.” 4Wɔbuaa sɛ, “Dabi, wonsisii yɛn, na wonnii yɛn nya ɛkwan biara so, na wonnyee adanmudeɛ fua pɛ mpo.” 5Samuel kaa sɛ, “Awurade ne ne onipa a wɔasra no no yɛ mʼadansefoɔ sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔno.”
Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!” 6Samuel toaa so sɛ, “Ɛyɛ Awurade na ɔyii Mose ne Aaron. Ɔno na ɔyii mo agyanom firii Misraim asase so. 7Seesei, monnyina ha dinn wɔ Awurade anim ɛberɛ a megu so rekaakae mo nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.