1 Ahemfo 22:8
1 Kings 22:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Awurade odiyifoɔ baako da so wɔ ha, nanso metane no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne, na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.” Na Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Momma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.”
1 Kings 22:8 in English
1 Kings 22:8 · Berean Standard Bible
The king of Israel answered, “There is still one man who can ask the LORD, but I hate him because he never prophesies anything good for me, but only bad. He is Micaiah son of Imlah.” “The king should not say that!” Jehoshaphat replied.
Context
6Enti, ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifoɔ a wɔn dodoɔ bɛyɛ ahanan no nyinaa, bisaa wɔn sɛ, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?”
Wɔn nyinaa buaa sɛ, “Kɔ so! Awurade bɛma woadi nkonim animuonyam so.” 7Nanso, Yehosafat bisaa sɛ, “Enti, Awurade odiyifoɔ biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mebisa no saa asɛm korɔ no ara.” 8Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Awurade odiyifoɔ baako da so wɔ ha, nanso metane no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne, na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.”
Na Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Momma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.” 9Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.” 10Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu wɔ aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.