Native Bible

1 Kings 22:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu wɔ aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim.

1 Kings 22:10 in English

1 Kings 22:10 · Berean Standard Bible

Dressed in royal attire, the king of Israel and Jehoshaphat king of Judah were sitting on their thrones at the threshing floor by the entrance of the gate of Samaria, with all the prophets prophesying before them.

Context

8Ɔhene Ahab buaa sɛ, “Awurade odiyifoɔ baako da so wɔ ha, nanso metane no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne, na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.” Na Yehosafat kaa sɛ, “Nkasa saa. Momma yɛntie asɛm a ɔwɔ ka.” 9Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.” 10Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu wɔ aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 11Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Sedekia a ɔyɛ Kenaana babarima yɛɛ dadeɛ mmɛn bi ka too dwa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade ka nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ no akunkum wɔn.” 12Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.