Native Bible

1 Kings 22:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Sedekia a ɔyɛ Kenaana babarima yɛɛ dadeɛ mmɛn bi ka too dwa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade ka nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ no akunkum wɔn.”

1 Kings 22:11 in English

1 Kings 22:11 · Berean Standard Bible

Now Zedekiah son of Chenaanah had made for himself iron horns and declared, “This is what the LORD says: ‘With these you shall gore the Arameans until they are finished off.’”

Context

9Enti, Israelhene frɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.” 10Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntadeɛ, tenaa wɔn ahennwa mu wɔ aponnwa a ɛbɛn Samaria ɛkwan no ano. Saa ɛberɛ no, na Ahab adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. 11Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Sedekia a ɔyɛ Kenaana babarima yɛɛ dadeɛ mmɛn bi ka too dwa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade ka nie: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfoɔ no akunkum wɔn.” 12Adiyifoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so, kaa sɛ, “Aane, monkɔ Ramot-Gilead, na monkɔdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛma moadi nkonim.” 13Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ, “Tie, adiyifoɔ no nyinaa hyɛ nkonimdie ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdie ho nkɔm.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.