Native Bible

1 Kings 2:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na adɛn enti na woanni wo ntanka no so amma Awurade, na woantie me nhyɛ?”

1 Kings 2:43 in English

1 Kings 2:43 · Berean Standard Bible

So why have you not kept your oath to the LORD and the command that I gave you?”

Context

41Salomo tee sɛ Simei afiri Yerusalem akɔ Gat asane aba. 42Enti, wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei baeɛ, na ɔbisaa no sɛ, “Mamma woanka ntam Awurade edin mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wobɛwu? Na wobuaa sɛ, ‘Atemmuo no yɛ kronkron; na mɛdi asɛm a woaka no so.’ 43Na adɛn enti na woanni wo ntanka no so amma Awurade, na woantie me nhyɛ?” 44Na ɔhene no ka kaa ho sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ wokae amumuyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. Awurade bɛtwe wʼaso wɔ ho. 45Na medeɛ, mɛnya Awurade nhyira, na daa Dawid aseni atena ahennwa no so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.