1 Ahemfo 2:41
1 Kings 2:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Salomo tee sɛ Simei afiri Yerusalem akɔ Gat asane aba.
1 Kings 2:41 in English
1 Kings 2:41 · Berean Standard Bible
When Solomon was told that Shimei had gone from Jerusalem to Gath and had returned,
Context
39Na mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei asomfoɔ baanu dwane kɔɔ Gathene* Akis, Maaka babarima nkyɛn. Ɛberɛ a Simei hunuu baabi a wɔwɔ no, 40ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ɔhunuu wɔn no, ɔde wɔn sane baa Yerusalem. 41Salomo tee sɛ Simei afiri Yerusalem akɔ Gat asane aba. 42Enti, wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei baeɛ, na ɔbisaa no sɛ, “Mamma woanka ntam Awurade edin mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wobɛwu? Na wobuaa sɛ, ‘Atemmuo no yɛ kronkron; na mɛdi asɛm a woaka no so.’ 43Na adɛn enti na woanni wo ntanka no so amma Awurade, na woantie me nhyɛ?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.