1 Ahemfo 2:16
1 Kings 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Seesei, adeɛ baako na mepɛ sɛ mebisa wo. Mfa nkame me.” Ɔkaa sɛ, “Wotumi bisa me.”
1 Kings 2:16 in English
1 Kings 2:16 · Berean Standard Bible
So now I have just one request of you; do not deny me.” “State your request,” she told him.
Context
14Na ɔka kaa ho sɛ, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔeɛ bi.”
Na Batseba bisaa sɛ, “Adɔeɛ bɛn.” 15Adoniya kaa sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn ɔhene. Nanso, nneɛma sesaeɛ, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, ɛfiri sɛ, Awurade pɛ no saa. 16Seesei, adeɛ baako na mepɛ sɛ mebisa wo. Mfa nkame me.”
Ɔkaa sɛ, “Wotumi bisa me.” 17Na ɔtoaa so sɛ, “Kɔbisa ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekodeɛ no nkame wo. Bisa no na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.” 18Na Batseba buaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.