Native Bible

1 Kings 2:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Dawid wuiɛ, na wɔsiee no wɔ Dawid kurom.

1 Kings 2:10 in English

1 Kings 2:10 · Berean Standard Bible

Then David rested with his fathers and was buried in the City of David.

Context

8“Kae Gera Benyaminni a ɔfiri Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me dendeenden, da a meredwane akɔ Mahanaim no. Na ɔbɛhyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade edin kaa ntam sɛ, Merenkum no. 9Nanso, ntam no mma ɔnni bem. Woyɛ ɔnyansafoɔ na wobɛhunu ɛkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.” 10Na Dawid wuiɛ, na wɔsiee no wɔ Dawid kurom. 11Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔdii Hebron so mfeɛ nson ɛnna Yerusalem nso, ɔdii adeɛ mfeɛ aduasa mmiɛnsa. 12Enti, Salomo tenaa nʼagya Dawid ahennwa so, na nʼadedie ase timiiɛ yie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.