Native Bible

1 Kings 19:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no.

1 Kings 19:9 in English

1 Kings 19:9 · Berean Standard Bible

There Elijah entered a cave and spent the night. And the word of the LORD came to him, saying, “What are you doing here, Elijah?”

Context

7Na Awurade ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa no kaa sɛ, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɛkwan a ɛda wʼanim no ware.” 8Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb* a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so. 9Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no. 10(9) Na Awurade bisaa no sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?” (10) Elia buaa sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.” 11Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Firi adi kɔgyina mʼanim wɔ bepɔ no so.” Na ɛberɛ a Elia gyina hɔ no, Awurade bɛfaa hɔ, na mframa denden bi bɔ sii bepɔ no mu. Na mframa no ano den no dwidwaa abotan no mu. Nanso, na Awurade nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosooɛ. Nanso, na Awurade nni asasewosoɔ no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.