1 Ahemfo 19:8
1 Kings 19:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb* a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so.
1 Kings 19:8 in English
1 Kings 19:8 · Berean Standard Bible
So he got up and ate and drank. And strengthened by that food, he walked forty days and forty nights until he reached Horeb,* the mountain of God.
Context
6Ɔhwɛɛ ne ho hyiaeɛ hunuu burodo bi a wɔato no ogyasramma so, ne kuruwa a nsuo wɔ mu. Enti, ɔdidiiɛ, nom nsuo no, sane daa bio. 7Na Awurade ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa no kaa sɛ, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɛkwan a ɛda wʼanim no ware.” 8Enti, ɔsɔre didiiɛ, nomee. Aduane no maa no nyaa ahoɔden a ɔde bɛtwa ɛkwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb* a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so. 9Ɔkɔduruu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no. 10(9) Na Awurade bisaa no sɛ, “Elia, ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha?”
(10) Elia buaa sɛ, “Mede ahoɔden asom Asafo Awurade Onyankopɔn. Nanso, Israelfoɔ abu apam a wɔne wo hyehyɛeɛ no so, nam so abubu wʼafɔrebukyia nyinaa, akunkum wʼadiyifoɔ a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrepɛ me akum me nso.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.