Native Bible

1 Kings 19:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Elisa gyaa anantwie no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma menkɔkra mʼagya ne me maame ansa na me ne wo akɔ.” Elia buaa sɛ, “Sane wʼakyi na kɔ. Na deɛ mayɛ wo no, dwene ho.”

1 Kings 19:20 in English

1 Kings 19:20 · Berean Standard Bible

So Elisha left the oxen, ran after Elijah, and said, “Please let me kiss my father and mother goodbye, and then I will follow you.” “Go on back,” Elijah replied, “for what have I done to you?”

Context

18Yeinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforɔ mpem nson bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotoo Baal, mfee nʼano da no ho ban.” 19Na Elia kɔhunuu Safat babarima Elisa sɛ ɔde anantwie refuntum afuo. Na anantwie mpamho dubaako na wɔdi nʼanim, ɛnna Elisa nso de mpamho a ɛtɔ so dumienu refuntum. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtoo nʼatadeɛ guu ne mmati so, na ɔsane nʼakyi kɔeɛ. 20Elisa gyaa anantwie no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ ɛdi ɛkan no, ma menkɔkra mʼagya ne me maame ansa na me ne wo akɔ.” Elia buaa sɛ, “Sane wʼakyi na kɔ. Na deɛ mayɛ wo no, dwene ho.” 21Afei, Elisa sane kɔɔ anantwie no ho kɔkunkumm wɔn. Ɔde funtumfidie no ho nnua no yɛɛ nnyensin de totoo ɛnam no. Ɔde ɛnam no kɔmaa mmarima a wɔde funtumfidie a aka no reyɛ adwuma no nyinaa, ma wɔweeɛ. Na ɔne Elia kɔeɛ sɛ ne ɔboafoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.