Native Bible

1 Kings 18:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab. Na ɛkɔm no ano yɛɛ den yie wɔ Samaria.

1 Kings 18:2 in English

1 Kings 18:2 · Berean Standard Bible

So Elijah went to present himself to Ahab. The famine was severe in Samaria,

Context

1Mfeɛ mmiɛnsa akyi, Awurade asɛm baa Elia nkyɛn sɛ, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no sɛ ɛnkyɛre biara, mɛma osuo atɔ asase no so.” 2Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab. Na ɛkɔm no ano yɛɛ den yie wɔ Samaria. 3Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfie so no. Na Obadia gye Awurade di yie. 4Ɛberɛ a na Isebel rekunkum Awurade adiyifoɔ no, Obadia faa adiyifoɔ no ɔha de wɔn kɔsiee abodan mmienu mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduane ne nsuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.