1 Yohane 5:17
1 John 5:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔwie owuo mu.
1 John 5:17 in English
1 John 5:17 · Berean Standard Bible
All unrighteousness is sin, yet there is sin that does not lead to death.
Context
15Ɛberɛ biara a yɛbisa no no, ɔtie yɛn. Yɛahunu sɛ yei yɛ nokorɛ yi, yɛnim nso sɛ ɔma yɛn deɛ yɛbisa no biara. 16Sɛ obi hunu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owuo mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpaeɛ mma no. Yei fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owuo mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owuo mu na ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Onyankopɔn. 17Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔwie owuo mu. 18Yɛnim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne. 19Yɛnim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na ewiasefoɔ deɛ wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.