Native Bible

1 John 5:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ biara a yɛbisa no no, ɔtie yɛn. Yɛahunu sɛ yei yɛ nokorɛ yi, yɛnim nso sɛ ɔma yɛn deɛ yɛbisa no biara.

1 John 5:15 in English

1 John 5:15 · Berean Standard Bible

And if we know that He hears us in whatever we ask, we know that we already possess what we have asked of Him.

Context

13Mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di no, meretwerɛ mo yei sɛdeɛ ɛbɛma moahunu sɛ mowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. 14Na anidasoɔ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yɛnim sɛ biribiara a yɛbisa no wɔ ne pɛ mu no, ɔtie yɛn. 15Ɛberɛ biara a yɛbisa no no, ɔtie yɛn. Yɛahunu sɛ yei yɛ nokorɛ yi, yɛnim nso sɛ ɔma yɛn deɛ yɛbisa no biara. 16Sɛ obi hunu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owuo mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpaeɛ mma no. Yei fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owuo mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owuo mu na ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Onyankopɔn. 17Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔwie owuo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.