Native Bible

1 John 5:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di no, meretwerɛ mo yei sɛdeɛ ɛbɛma moahunu sɛ mowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ.

1 John 5:13 in English

1 John 5:13 · Berean Standard Bible

I have written these things to you who believe in the name of the Son of God, so that you may know that you have eternal life.*

Context

11Yei ne adanseɛ no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a ɛnni awieeɛ; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. 12Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a ɔnni Ɔba no nni nkwa no. 13Mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di no, meretwerɛ mo yei sɛdeɛ ɛbɛma moahunu sɛ mowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. 14Na anidasoɔ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yɛnim sɛ biribiara a yɛbisa no wɔ ne pɛ mu no, ɔtie yɛn. 15Ɛberɛ biara a yɛbisa no no, ɔtie yɛn. Yɛahunu sɛ yei yɛ nokorɛ yi, yɛnim nso sɛ ɔma yɛn deɛ yɛbisa no biara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.