Native Bible

1 John 5:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne adanseɛ no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a ɛnni awieeɛ; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu.

1 John 5:11 in English

1 John 5:11 · Berean Standard Bible

And this is that testimony: God has given us eternal life, and this life is in His Son.

Context

9Yɛgye adanseɛ a nnipa di no di; nanso adanseɛ a Onyankopɔn di no mu yɛ den yie. Na saa adanseɛ no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho no. 10Enti, obi a ɔgye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanseɛ yi adi wɔ nʼakoma mu. Na obi a ɔnnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ, wannye adanseɛ a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho anni. 11Yei ne adanseɛ no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a ɛnni awieeɛ; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. 12Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a ɔnni Ɔba no nni nkwa no. 13Mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di no, meretwerɛ mo yei sɛdeɛ ɛbɛma moahunu sɛ mowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.