Native Bible

1 Corinthians 9:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso, meyɛ me ho obiara akoa sɛdeɛ mɛsesa akra dodoɔ biara a mɛtumi.

1 Corinthians 9:19 in English

1 Corinthians 9:19 · Berean Standard Bible

Though I am free of obligation to anyone, I make myself a slave to everyone, to win as many as possible.

Context

17Sɛ meyɛ adwuma no sɛdeɛ ɛfiri mʼankasa me pɛ mu a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so. 18Ɛnneɛ, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ menya? Ɛyɛ ahohoahoadeɛ sɛ wobɛka asɛmpa no na wonnye hwee na wommisa asɛdeɛ biara nso. 19Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso, meyɛ me ho obiara akoa sɛdeɛ mɛsesa akra dodoɔ biara a mɛtumi. 20Ɛberɛ a me ne Yudafoɔ te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Mʼankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase, nanso metenaa ase sɛdeɛ Mose Mmara di me so sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn. 21Saa ara na mekɔfraa amanamanmufoɔ mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛdeɛ mɛtumi matwetwe wɔn aba me nkyɛn. Yei nkyerɛ sɛ menni Onyankopɔn Mmara so; mehyɛ Kristo Mmara ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.