Native Bible

1 Corinthians 9:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a me ne Yudafoɔ te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Mʼankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase, nanso metenaa ase sɛdeɛ Mose Mmara di me so sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn.

1 Corinthians 9:20 in English

1 Corinthians 9:20 · Berean Standard Bible

To the Jews I became like a Jew, to win the Jews. To those under the law I became like one under the law (though I myself am not under the law), to win those under the law.

Context

18Ɛnneɛ, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ menya? Ɛyɛ ahohoahoadeɛ sɛ wobɛka asɛmpa no na wonnye hwee na wommisa asɛdeɛ biara nso. 19Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso, meyɛ me ho obiara akoa sɛdeɛ mɛsesa akra dodoɔ biara a mɛtumi. 20Ɛberɛ a me ne Yudafoɔ te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Mʼankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase, nanso metenaa ase sɛdeɛ Mose Mmara di me so sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn. 21Saa ara na mekɔfraa amanamanmufoɔ mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛdeɛ mɛtumi matwetwe wɔn aba me nkyɛn. Yei nkyerɛ sɛ menni Onyankopɔn Mmara so; mehyɛ Kristo Mmara ase. 22Wɔn a wɔn gyidie yɛ mmerɛ no, meyɛɛ sɛ wɔn ara sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛdeɛ ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛdeɛ mɛtumi afa ɛkwan biara a ɛbɛyɛ yie so magye wɔn mu bi nkwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.