1 Korintofoɔ 8:3
1 Corinthians 8:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.
1 Corinthians 8:3 in English
1 Corinthians 8:3 · Berean Standard Bible
But the one who loves God is known by God.
Context
1Asɛm a ɛfa nnuane a wɔde ma ahoni ho nso nie: Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso, saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan; ɔdɔ deɛ, ɛma nkɔsoɔ. 2Onipa a ɔgye ne ho di sɛ ɔnim biribi no nnim sɛdeɛ anka ɛsɛ sɛ ɔhunu. 3Nanso, onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no. 4Enti, nnuane a wɔde ma ahoni a wɔdi no, yɛnim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yɛnim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ. 5Nneɛma bebree wɔ soro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.