1 Korintofoɔ 7:6
1 Corinthians 7:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom, mereka no sɛ mama mo ho ɛkwan.
1 Corinthians 7:6 in English
1 Corinthians 7:6 · Berean Standard Bible
I say this as a concession, not as a command.
Context
4Ɔyere onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi. 5Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so ɛberɛ tiawa bi a morebɔ mpaeɛ; na sɛ mowie mpaeɛbɔ no a, monhyia mu, na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, ɛfiri sɛ, montumi nni mo ho so. 6Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom, mereka no sɛ mama mo ho ɛkwan. 7Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso, obiara wɔ adom akyɛdeɛ sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Yei wɔ nʼakyɛdeɛ na ɔfoforɔ nso wɔ nʼakyɛdeɛ. 8Afei, asɛm a mereka akyerɛ asigyafoɔ ne akunafoɔ ne sɛ: Ɛbɛyɛ sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛdeɛ mete hɔ yi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.