1 Korintofoɔ 7:4
1 Corinthians 7:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔyere onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi.
1 Corinthians 7:4 in English
1 Corinthians 7:4 · Berean Standard Bible
The wife does not have authority over her own body, but the husband. Likewise the husband does not have authority over his own body, but the wife.
Context
2Nanso, ɛsiane adwamammɔ enti, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbaa biara nso nya ɔno ankasa ne kunu. 3Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛdeɛ sɛ okunu na ɔbaa nso yɛ nʼasɛdeɛ sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. 4Ɔyere onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso dea bi. Saa ara nso na okunu no onipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom, ɛyɛ ɔyere no nso dea bi. 5Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so ɛberɛ tiawa bi a morebɔ mpaeɛ; na sɛ mowie mpaeɛbɔ no a, monhyia mu, na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, ɛfiri sɛ, montumi nni mo ho so. 6Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom, mereka no sɛ mama mo ho ɛkwan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.