Native Bible

1 Corinthians 7:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a, nhwehwɛ ɔyere.

1 Corinthians 7:27 in English

1 Corinthians 7:27 · Berean Standard Bible

Are you committed to a wife? Do not seek to be released. Are you free of commitment? Do not look for a wife.

Context

25Deɛ ɛfa asigyafoɔ nso ho no nie: Mennyaa ɔhyɛ nsɛm biara memfirii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu enti wɔagye me ato mu. 26Wodwene seesei ɔhaw yi ho a, medwene sɛ, ɛyɛ sɛ onipa tena ase sɛdeɛ ɔte biara. 27Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a, nhwehwɛ ɔyere. 28Nanso, sɛ woware a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso, ɔhaw a saa awadeɛ no de ba no, sɛ ɛkaa me nko a, anka mempɛ sɛ saa ɔhaw no bɛba mo so. 29Deɛ mekyerɛ ne sɛ, anuanom, ɛberɛ a aka sua. Ɛfiri saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛdeɛ wɔnwaree da;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.