1 Korintofoɔ 7:29
1 Corinthians 7:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ mekyerɛ ne sɛ, anuanom, ɛberɛ a aka sua. Ɛfiri saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛdeɛ wɔnwaree da;
1 Corinthians 7:29 in English
1 Corinthians 7:29 · Berean Standard Bible
What I am saying, brothers, is that the time is short. From now on those who have wives should live as if they had none;
Context
27Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a, nhwehwɛ ɔyere. 28Nanso, sɛ woware a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso, ɔhaw a saa awadeɛ no de ba no, sɛ ɛkaa me nko a, anka mempɛ sɛ saa ɔhaw no bɛba mo so. 29Deɛ mekyerɛ ne sɛ, anuanom, ɛberɛ a aka sua. Ɛfiri saa ɛberɛ yi, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛdeɛ wɔnwaree da; 30wɔn a wɔsu yɛ sɛdeɛ wɔn werɛ nhoeɛ; wɔn a wɔsere yɛ sɛdeɛ wɔnni anigyeɛ; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛdeɛ deɛ wɔtɔeɛ no nyɛ wɔn deɛ; 31wɔn a wɔde ewiase abɔ wɔn bo yɛ sɛdeɛ wɔnhunuu bi da. Na sɛdeɛ ewiase yi te seesei yi rentena saa nkyɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.