Native Bible

1 Corinthians 4:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo mu bi ayɛ ahantan, susu sɛ meremmɛsra mo.

1 Corinthians 4:18 in English

1 Corinthians 4:18 · Berean Standard Bible

Some of you have become arrogant, as if I were not coming to you.

Context

16Mesrɛ mo sɛ monsuasua me. 17Ɛnam yei so enti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔ ba a ɔdi me nokorɛ wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforɔ a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no. 18Mo mu bi ayɛ ahantan, susu sɛ meremmɛsra mo. 19Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛre biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfoɔ yi bɛtumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. 20Onyankopɔn Ahennie no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.