1 Korintofoɔ 14:21
1 Corinthians 14:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Menam nnipa a wɔka kasa foforɔ so bɛkasa makyerɛ saa nnipa yi. Menam ahɔhoɔ anofafa so bɛkasa nanso, wɔrentie me,” Awurade na ɔseɛ.
1 Corinthians 14:21 in English
1 Corinthians 14:21 · Berean Standard Bible
It is written in the Law: “By strange tongues and foreign lips I will speak to this people, but even then they will not listen to Me, says the Lord.”*
Context
19Nanso, asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako enum pɛ a mobɛte aseɛ na moagyina so atumi akyerɛ afoforɔ adeɛ sene sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforɔ mu. 20Monnnwene sɛ, mmɔfra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm deɛ a, monyɛ mo ho sɛ mmɔfra. Nanso, monnwene sɛ mmadwemma. 21Atwerɛsɛm no ka sɛ,
“Menam nnipa a wɔka kasa foforɔ so
bɛkasa makyerɛ saa nnipa yi.
Menam ahɔhoɔ anofafa so bɛkasa
nanso, wɔrentie me,”
Awurade na ɔseɛ. 22Kasa foforɔ no yɛ wɔn a wɔnni gyidie no nsɛnkyerɛnneɛ ɛnna Onyame asɛnka no nso yɛ agyidifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ. 23Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fiti aseɛ ka kasa foforɔ na sɛ ahɔhoɔ anaa wɔn a wɔnni gyidie fra mo mu a, monnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.