Native Bible

1 Chronicles 9:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔsane baeɛ no ne: Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima;

1 Chronicles 9:7 in English

1 Chronicles 9:7 · Berean Standard Bible

From the Benjamites: Sallu son of Meshullam, the son of Hodaviah, the son of Hassenuah;

Context

5Wɔn a wɔfiri Silonfoɔ abusua mu no yɛ: Asaia a ɔyɛ abakan no ne ne mmammarima. 6Serah abusua mu no: Yeuel ne nʼabusuafoɔ na wɔsane baeɛ. Yuda abusuakuo no mu mmusua ahansia aduɔkron (690) na wɔsane baeɛ. 7Wɔn a wɔfiri Benyamin abusuakuo mu a wɔsane baeɛ no ne: Mesulam babarima Salu, a ɔyɛ Hodawia babarima na ɔno nso yɛ Hasenua babarima; 8Yibneia a ɔyɛ Yeroham babarima; Ela a ɔyɛ Usi babarima, Mikri babarima; Mesulam a ɔyɛ Sefatia babarima, Reuel babarima, Yibnia babarima baeɛ. 9Saa mmarima yi nyinaa, na wɔyɛ mmusua ntuanofoɔ, na wɔatwerɛ wɔn din wɔ wɔn mmusuakuo mmusuadua nwoma mu. Benyamin abusuakuo mu mmusua aha nkron ne aduonum nsia na wɔsane baeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.