1 Berɛsosɛm 7:6
1 Chronicles 7:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Benyamin mmammarima baasa no din de: Bela, Beker ne Yediael.
1 Chronicles 7:6 in English
1 Chronicles 7:6 · Berean Standard Bible
The three sons of Benjamin: Bela, Becher, and Jediael.
Context
4Mmarima dodoɔ a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduasa nsia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmammarima yɛ bebree. 5Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wɔfiri Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduɔwɔtwe nson (87,000). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din nnidisoɔ nnidisoɔ guu wɔn abusuadua krataa mu. 6Na Benyamin mmammarima baasa no din de:
Bela, Beker ne Yediael. 7Na Bela mmammarima yɛ:
Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan (22,034). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu. 8Na Beker mmammarima din de:
Semira, Yoas, Elieser, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alemet.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.