Native Bible

1 Chronicles 7:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wɔfiri Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduɔwɔtwe nson (87,000). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din nnidisoɔ nnidisoɔ guu wɔn abusuadua krataa mu.

1 Chronicles 7:5 in English

1 Chronicles 7:5 · Berean Standard Bible

Their kinsmen belonging to all the families of Issachar who were mighty men of valor totaled 87,000, as listed in their genealogies.

Context

3Na Usi babarima din de: Yisrahia. Na Yisrahia mmammarima din de: Mikael, Obadia, Yoɛl ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano. 4Mmarima dodoɔ a na wɔwɔ hɔ a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduasa nsia. Na wɔn baanum no nyinaa yerenom ne wɔn mmammarima yɛ bebree. 5Mmarima a na wɔwɔ hɔ a wɔfiri Isakar mmusua no nyinaa mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduɔwɔtwe nson (87,000). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din nnidisoɔ nnidisoɔ guu wɔn abusuadua krataa mu. 6Na Benyamin mmammarima baasa no din de: Bela, Beker ne Yediael. 7Na Bela mmammarima yɛ: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri. Na saa akofoɔ baanum yi yɛ mmusua ntuanofoɔ. Nnipa a wɔfiri wɔn asefoɔ mu yɛɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne aduasa ɛnan (22,034). Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din guu wɔn abusuadua krataa mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.