1 Berɛsosɛm 7:1
1 Chronicles 7:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Isakar mmammarima baanan no din de Tola, Pua, Yasub ne Simron.
1 Chronicles 7:1 in English
1 Chronicles 7:1 · Berean Standard Bible
The sons of Issachar: Tola, Puah,* Jashub, and Shimron—four in all.
Context
1Na Isakar mmammarima baanan no din de
Tola, Pua, Yasub ne Simron. 2Tola mmammarima no ne:
Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Samuel. Na wɔn mu biara yɛ wɔn agyanom mmusua ntuanofoɔ. Ɔhene Dawid ɛberɛ so no, na mmarima dodoɔ a wɔwɔ saa mmusua yi mu a wɔyɛ asraafoɔ no dodoɔ yɛ ɔpeduonu mmienu ne ahansia (22,600). 3Na Usi babarima din de:
Yisrahia.
Na Yisrahia mmammarima din de:
Mikael, Obadia, Yoɛl ne Yisia a na wɔn baanum tuatua mmusua ano.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.