1 Berɛsosɛm 4:21
1 Chronicles 4:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako. Na Sela asefoɔ no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,
1 Chronicles 4:21 in English
1 Chronicles 4:21 · Berean Standard Bible
The sons of Shelah son of Judah: Er the father of Lecah, Laadah the father of Mareshah and the clans of the linen workers at Beth-ashbea,
Context
19Na Hodia yere yɛ Naham nuabaa.
Ne mmammarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni. 20Simon mmammarima ne
Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon.
Na Yisi asefoɔ no ne
Sohet ne Ben-Sohet. 21Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako.
Na Sela asefoɔ no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea, 22Yokim, Koseba mmarima, Yoas, ne Saraf a na wɔdi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa edin yi nyinaa, wɔnya firii tete atwerɛ a na wɔatwerɛ agu hɔ mu. 23Na wɔyɛ nkukuonwomfoɔ a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.