Native Bible

1 Chronicles 4:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yokim, Koseba mmarima, Yoas, ne Saraf a na wɔdi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa edin yi nyinaa, wɔnya firii tete atwerɛ a na wɔatwerɛ agu hɔ mu.

1 Chronicles 4:22 in English

1 Chronicles 4:22 · Berean Standard Bible

Jokim, the men of Cozeba, and Joash and Saraph, who ruled in Moab and Jashubi-lehem. (These names are from ancient records.)

Context

20Simon mmammarima ne Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon. Na Yisi asefoɔ no ne Sohet ne Ben-Sohet. 21Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako. Na Sela asefoɔ no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea, 22Yokim, Koseba mmarima, Yoas, ne Saraf a na wɔdi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa edin yi nyinaa, wɔnya firii tete atwerɛ a na wɔatwerɛ agu hɔ mu. 23Na wɔyɛ nkukuonwomfoɔ a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene. 24Na Simeon mmammarima no edin de Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.