Native Bible

1 Chronicles 4:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mered nso waree ɔbaa a ɔfiri Yuda. Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babaa.

1 Chronicles 4:18 in English

1 Chronicles 4:18 · Berean Standard Bible

These were the children of Pharaoh’s daughter Bithiah.* Mered also took a Judean * wife, who gave birth to Jered the father of Gedor, Heber the father of Soco, and Jekuthiel the father of Zanoah.

Context

16Yehalelel mmammarima ne Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel. 17Ɛsra mmammarima yɛ Yeter, Mered, Efer ne Yalon. Mered waree Misraimni baa ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no. 18Mered nso waree ɔbaa a ɔfiri Yuda. Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babaa. 19Na Hodia yere yɛ Naham nuabaa. Ne mmammarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni. 20Simon mmammarima ne Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon. Na Yisi asefoɔ no ne Sohet ne Ben-Sohet.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.