Native Bible

1 Chronicles 3:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa. Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit.

1 Chronicles 3:2 in English

1 Chronicles 3:2 · Berean Standard Bible

the third was Absalom the son of Maacah daughter of King Talmai of Geshur; the fourth was Adonijah the son of Haggith;

Context

1Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail. 2Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa. Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit. 3Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital. Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla. 4Wɔwowoo mmammarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Ɔdii adeɛ wɔ hɔ mfirinhyia nson ne fa. Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduasa mmiɛnsa wɔ hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.