1 Berɛsosɛm 3:1
1 Chronicles 3:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.
1 Chronicles 3:1 in English
1 Chronicles 3:1 · Berean Standard Bible
These were the sons of David who were born to him in Hebron: The firstborn was Amnon by Ahinoam of Jezreel; the second was Daniel by Abigail of Carmel;
Context
1Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.
Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam.
Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail. 2Ne ba a ɔtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne maame din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa.
Ne ba a ɔtɔ so ɛnan din de Adoniya a ne maame din de Hagit. 3Ne ba a ɔtɔ so enum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne maame Abital.
Ne ba a ɔtɔ so nsia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne maame Egla.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.