1 Berɛsosɛm 27:23
1 Chronicles 27:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfoɔ no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.
1 Chronicles 27:23 in English
1 Chronicles 27:23 · Berean Standard Bible
David did not count the men aged twenty or under, because the LORD had said that He would make Israel as numerous as the stars of the sky.
Context
21Manase (apueeɛ fam) abusuakuo Sakaria babarima Ido;
Benyamin abusuakuo: Abner babarima Yaasiel; 22Dan abusuakuo: Yeroham babarima Asarel.
Yeinom ne Israel mmusuakuo no ne wɔn ntuanofoɔ. 23Ɛberɛ a Dawid ma wɔkanee nnipa no, wɔankan wɔn a wɔnnii mfeɛ aduonu, ɛfiri sɛ, na Awurade ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma Israelfoɔ no adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma. 24Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu. 25Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so.
Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.