Native Bible

1 Chronicles 25:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔatete wɔn ne wɔn abusuafoɔ nyinaa wɔ nnwom a wɔbɔ wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe (288) na wɔn mu biara wɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ.

1 Chronicles 25:7 in English

1 Chronicles 25:7 · Berean Standard Bible

Together with their relatives, who were all trained and skillful in the songs of the LORD, they numbered 288.

Context

5Yeinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene nkɔmhyɛni no mmammarima. Onyankopɔn domm no mmammarima dunan ne mmammaa baasa. 6Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fie. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyankyan, mmɛnta ne nsankuten wɔ Onyankopɔn fie. Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase. 7Na wɔatete wɔn ne wɔn abusuafoɔ nyinaa wɔ nnwom a wɔbɔ wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe (288) na wɔn mu biara wɔ nnwontoɔ ho nimdeɛ. 8Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwomtofoɔ tuatuaa nnwuma ahodoɔ ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abɔfra anaa ɔpanin, ɔkyerɛkyerɛfoɔ anaa osuani. 9Ntonto a ɛdi ɛkan no bɔɔ Yosef a ɔfiri Asaf abusua mu, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12) Ntonto a ɛtɔ so mmienu no bɔɔ Gedalia, ɔne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ (12)

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.