1 Berɛsosɛm 24:20
1 Chronicles 24:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ: Amram asefoɔ ntuanoni ne Subael. Subael asefoɔ ntuanoni ne Yehdeia.
1 Chronicles 24:20 in English
1 Chronicles 24:20 · Berean Standard Bible
Now these were the remaining descendants of Levi: From the sons of Amram: Shubael;* from the sons of Shubael: Jehdeiah.
Context
18Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Delaia.
Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Maasia. 19Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no. 20Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ:
Amram asefoɔ ntuanoni ne Subael.
Subael asefoɔ ntuanoni ne Yehdeia. 21Rehabia asefoɔ ntuanoni ne Yisia. 22Yishar asefoɔ ntuanoni ne Selomot.
Selomot asefoɔ ntuanoni ne Yahat.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.