Native Bible

1 Chronicles 24:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.

1 Chronicles 24:19 in English

1 Chronicles 24:19 · Berean Standard Bible

This was their appointed order for service when they entered the house of the LORD, according to the regulations prescribed for them by their forefather Aaron, as the LORD, the God of Israel, had commanded him.

Context

17Ntonto a ɛtɔ so aduonu baako no bɔɔ Yakin. Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmienu no bɔɔ Gamul. 18Ntonto a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no bɔɔ Delaia. Ntonto a ɛtɔ so aduonu ɛnan no bɔɔ Maasia. 19Ekuo biara dii ne dwuma wɔ Awurade fie sɛdeɛ wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Onyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no. 20Yeinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefoɔ no mpanimfoɔ: Amram asefoɔ ntuanoni ne Subael. Subael asefoɔ ntuanoni ne Yehdeia. 21Rehabia asefoɔ ntuanoni ne Yisia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.