Native Bible

1 Chronicles 23:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanin. Na Rehabia mmammarima yɛ bebree.

1 Chronicles 23:17 in English

1 Chronicles 23:17 · Berean Standard Bible

The descendants of Eliezer: Rehabiah was the first. Eliezer did not have any other sons, but the sons of Rehabiah were very numerous.

Context

15Mose mmammarima no yɛ Gersom ne Elieser. 16Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanin no ka Gersom asefoɔ no ho. 17Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanin. Na Rehabia mmammarima yɛ bebree. 18Na Selomit a ɔyɛ abusuapanin no ka Ishar asefoɔ no ho. 19Na Yeria a ɔyɛ abusuapanin, Amaria a ɔdi hɔ, Yahasiel a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Yekameam a ɔtɔ so ɛnan no ne Hebron mmammarima no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.