Native Bible

1 Chronicles 21:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid ma ɔnsi afɔrebukyia mma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.

1 Chronicles 21:18 in English

1 Chronicles 21:18 · Berean Standard Bible

Then the angel of the LORD ordered Gad to tell David to go up and build an altar to the LORD on the threshing floor of Ornan the Jebusite.

Context

16Dawid pagyaa nʼani hunuu sɛ Awurade ɔbɔfoɔ no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼakofena de akyerɛ Yerusalem so. Enti, Dawid ne Israel mpanimfoɔ firaa ayitoma de kyerɛɛ wɔn ahoyera, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuu hɔ. 17Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Me na mede nnipakan no ho asɛm baeɛ! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfoɔ yi deɛ, ɛso bi nna wɔn so. Ɛdeɛn na wɔayɛ? Ao Awurade me Onyankopɔn, ma wʼabufuo mmra me ne me fiefoɔ so, na nsɛe wo nkurɔfoɔ.” 18Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnka nkyerɛ Dawid ma ɔnsi afɔrebukyia mma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ. 19Na Dawid yɛɛ deɛ Awurade nam Gad so ka kyerɛɛ no no. 20Arauna a saa ɛberɛ no nʼani abere repore nʼatokoɔ so no danee ne ho hunuu ɔbɔfoɔ no wɔ hɔ. Ne mmammarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no dwane kɔtetɛeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.