1 Berɛsosɛm 2:18
1 Chronicles 2:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.
1 Chronicles 2:18 in English
1 Chronicles 2:18 · Berean Standard Bible
Caleb son of Hezron had children by his wife Azubah and by Jerioth. These were the sons of Azubah: Jesher, Shobab, and Ardon.
Context
16Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail.
Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel. 17Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa. 18Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon. 19Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur. 20Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.