Native Bible

1 Chronicles 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.

1 Chronicles 2:16 in English

1 Chronicles 2:16 · Berean Standard Bible

Their sisters were Zeruiah and Abigail. And the three sons of Zeruiah were Abishai, Joab, and Asahel.

Context

14Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum. 15Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson. 16Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel. 17Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa. 18Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.