1 Berɛsosɛm 19:1
1 Chronicles 19:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yeinom akyiri no, Amonhene Nahas wuiɛ, na ne babarima Hanun bɛdii adeɛ.
1 Chronicles 19:1 in English
1 Chronicles 19:1 · Berean Standard Bible
Some time later, Nahash king of the Ammonites died and was succeeded by his son.
Context
1Yeinom akyiri no, Amonhene Nahas wuiɛ, na ne babarima Hanun bɛdii adeɛ. 2Dawid kaa sɛ, “Me ne Hanun bɛyɛ baako, ɛfiri sɛ, nʼagya Nahas ne me yɛɛ baako nokorɛm.”
Ɛno enti, Dawid tuu abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wuo no enti. Nanso, ɛberɛ a abɔfoɔ no duruu Amon asase so no, 3Hanun afotufoɔ bisaa no sɛ, “Enti, wogye di ampa ara sɛ, saa mmarima yi baa sɛ wɔrebɛhyɛ wʼagya animuonyam? Dabi! Dawid asoma wɔn sɛ wɔmmɛsra asase yi, na wɔnam so ako agye.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.