1 Berɛsosɛm 18:9
1 Chronicles 18:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Sobahene Hadadeser akodɔm ase no,
1 Chronicles 18:9 in English
1 Chronicles 18:9 · Berean Standard Bible
When King Tou * of Hamath heard that David had defeated the entire army of Hadadezer king of Zobah,
Context
7Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem. 8Ɔde kɔbere mfrafraeɛ bebree a ɛfiri Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun kaa ho baeɛ. Akyire yi, Salomo nanee kɔbere mfrafraeɛ no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu. 9Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Sobahene Hadadeser akodɔm ase no, 10ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree. 11Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛdeɛ yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa firii aman foforɔ a ɔkaa wɔn hyɛeɛ no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia ne Amalek.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.