1 Berɛsosɛm 18:10
1 Chronicles 18:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree.
1 Chronicles 18:10 in English
1 Chronicles 18:10 · Berean Standard Bible
he sent his son Hadoram * to greet King David and bless him for fighting and defeating Hadadezer, who had been at war with Tou. Hadoram brought all kinds of articles of gold and silver and bronze,
Context
8Ɔde kɔbere mfrafraeɛ bebree a ɛfiri Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun kaa ho baeɛ. Akyire yi, Salomo nanee kɔbere mfrafraeɛ no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu. 9Ɛberɛ a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Sobahene Hadadeser akodɔm ase no, 10ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no amo wɔ ne nkonimdie no ho. Na Hadadeser ne Tou atane wɔn ho akyɛre, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ bebree. 11Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛdeɛ yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa firii aman foforɔ a ɔkaa wɔn hyɛeɛ no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia ne Amalek. 12Seruia babarima Abisai kunkumm Edomfoɔ mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.