Native Bible

1 Chronicles 18:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni.

1 Chronicles 18:15 in English

1 Chronicles 18:15 · Berean Standard Bible

Joab son of Zeruiah was over the army; Jehoshaphat son of Ahilud was the recorder;

Context

13Ɔde asraafoɔ duaduaa Edom nyinaa, ma Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Yei yɛ sɛdeɛ Awurade ma Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔeɛ no nhwɛsoɔ. 14Dawid dii ɔhene wɔ Israel nyinaa so, na ɔne obiara tenaa yie. 15Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛmtwerɛni. 16Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfoɔ. Sawsa na na ɔyɛ asɛnniiɛ twerɛfoɔ. 17Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ ɔhene awɛmfoɔ no so panin. Dawid mmammarima somm sɛ ɔhene aboafoɔ mpanimfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.