Native Bible

1 Chronicles 17:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Natan sane kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.

1 Chronicles 17:15 in English

1 Chronicles 17:15 · Berean Standard Bible

So Nathan relayed to David all the words of this entire vision.

Context

13Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfiri ne so, sɛdeɛ meyi firii Saulo a wodii nʼadeɛ so no. 14Mɛma nʼase atim wɔ mʼahennie nnidisoɔ ne mʼaheman mu ɛberɛ nyinaa mu, na nʼahennwa no bɛtena hɔ daa.’ ” 15Enti, Natan sane kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. 16Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Me ne hwan, Ao Awurade Onyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a enti wode me abɛduru saa tebea yi mu? 17Na seesei, Awurade, yei nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie nnidisoɔ afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛseɛ pa ara, Ao Awurade Onyankopɔn!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.