Native Bible

1 Chronicles 14:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so ɔhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkye no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima firii kuro no mu kɔhyiaa wɔn.

1 Chronicles 14:8 in English

1 Chronicles 14:8 · Berean Standard Bible

When the Philistines heard that David had been anointed king over all Israel, they all went in search of him; but David learned of this and went out to face them.

Context

6Noga, Nefeg ne Yafia, 7Elisama, Beeliada ne Elifelet. 8Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so ɔhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkye no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima firii kuro no mu kɔhyiaa wɔn. 9Na Filistifoɔ no abɛduru Refaim bɔnhwa mu, asɛe hɔ pasaa. 10Enti, Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ, “Mempue na me ne Filistifoɔ no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Awurade buaa sɛ, “Aane, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.